Song of Solomon 1

1Salomo nnwom mu dwom.

Ababaa:


2 Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano,
efisɛ wo dɔ no yɛ anigye sen bobesa.

3 Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye;
wo din te sɛ aduhuam a wɔahwie.
Na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmabaa no dɔ wo!

4 Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!
Ma ɔhene mfa me nkɔ ne pia mu.

Nnamfonom:

Yebedi ahurusi na yɛn ani agye wo ho.
Yɛbɛkamfo wo dɔ asen bobesa.

Ababaa:

Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!


5 Mibiri de, nanso me ho yɛ fɛ,
Yerusalem mmabea,
mobiri te sɛ Kedar ntamadan,
te sɛ, Salomo ntamadan mu ntwamtam!

6 Nhwɛ me haw sɛ mibiri nti,
efisɛ owia na ayɛ me saa.
Me na mmabarima bu fuw me,
enti wɔma me kɔhwɛɛ bobe nturo so;
na amma manhwɛ mʼankasa me bobeturo.

7 Kyerɛ me, me dɔfo,
faako a wode wo nguankuw kɔ adidi
na owigyinae nso, faako a woma wo nguan home.
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbea a wakata nʼanim
wɔ wo nnamfonom nguankuw ho?

Nnamfonom:


8 Sɛ wunnim a, mmea mu ɔhoɔfɛfo koraa,
fa ɔkwan a nguan fa so so
na fa wo mpapomma kɔ adidi
wɔ nguanhwɛfo no ntamadan ho.

Aberante:


9 Me dɔfo, mede wo toto ɔpɔnkɔbere
a wɔde hama asa no wɔ Farao nteaseɛnam baako ho no ho.

10 Asokaa ama wʼafono ho ayɛ fɛ,
na abohemaa a woasina agu wo kɔn mu no fata wo.

11 Yɛbɛyɛ sikakɔkɔɔ asokaa
a wɔde dwetɛ asisi mu ama wo.

Ababaa:


12 Bere a ɔhene te ne didipon ho no,
nʼaduhuam hua no gyee hɔ.

13 Me dɔfo ayɛ me sɛ kurobow
Kurobow yɛ aduhuam bi a wonya fi “balsam” dua a bi wɔ Etiopia, Ntam Po ne India. Nnipa de yɛ wɔn ho ma wɔn ho yɛ huam.
toa
a ɛda me nufu ntam.

14 Me dɔfo ayɛ me sɛ nhwiren boa a ayɛ frɔmfrɔm
wɔ En-Gedi
En-Gedi yɛ kwae a ɛwɔ sare so wɔ Nkyene Po atɔe fam a afifide a ɛyɛ huam bebree wɔ.
bobeturo mu.

Aberante:


15 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ!
Ao, ahoɔfɛ ni!
Wʼaniwa aba te sɛ mmorɔnoma.

Ababaa:


16 Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ!
Ao, ahoɔfɛ ni!
Yɛn mpa so yɛ akɔnnɔakɔnnɔ.

Aberante:


17 Yɛn fi mpuran yɛ sida;
yɛn nsɛmso yɛ ɔpepaw.
Copyright information for TwiAKNA